Psalms 105

Onyankopɔn ne ne nkurɔfo

1Monna Awurade ase; monna ne kɛseyɛ adi.
Ka nea wayɛ kyerɛ aman.
2Monto ayeyi nnwom mma Awurade!
Monka anwonwade a wayɛ no nkyerɛ.
3Momma mo ani nnye sɛ yɛyɛ ne de.
Momma wɔn a wɔsom no no nyinaa ho nsɛpɛw wɔn.
4Monkɔ Awurade nkyɛn na ɔmmoa mo na monkɔ so nsom na daa.
5Mo Abraham asefo, nʼasomfo; mo Yakob asefo, ɔbarima a oyii no,
6monkae anwonwade a Onyankopɔn yɛe ne atɛn a obui.
7 Awurade yɛ yɛn Nyankopɔn.
Ne mmara wɔ hɔ ma wiase nyinaa.
8Obedi nʼapam so daa daa ne ne bɔhyɛ so kosi nkyirimma mpempem so.
9Obedi apam a ɔne Abraham pamee no ne bɔ a ɔhyɛɛ Isak no so.
10 Awurade ne Yakob yɛɛ apam a ɛbɛtena hɔ daa daa.
11Ɔkae se, “Mede Kanaan asase no bɛma wo na ɛbɛyɛ wo de.”
12Na Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ Kanaan no sua, na na wɔyɛ amamfrafo nso.
13Wofi aman so kɔɔ aman so; fi ahemman mu kɔɔ ahemman mu.
14Nanso Onyankopɔn amma obi anhyɛ wɔn so; ɔbɔɔ ahene no kɔkɔ sɛ wɔmmɔ wɔn ho ban.
Ɔkae se,
15“Monnhaw mʼasomfo a mayi wɔn; mommfa mo nsa nnka mʼadiyifo.”
16 Awurade maa ɔkɔm kɛse bae wɔn man mu hɔ, na ɔfaa wɔn nnuan nyinaa.
17Nanso ɔsomaa ɔbarima bi dii wɔn anim;
Yosef a wɔtɔn no sɛ akoa no.
18Woguu ne nan nkɔnsɔnkɔnsɔn, na wɔde ne kɔn hyɛɛ dabedan mu,
19kosii sɛ nea ɔhyɛɛ ho nkɔm no baa mu.
Awurade asɛm daa nʼasɛm no mu nokware adi.
20Afei Misraimhene ma wogyaa no; aman so hene gyaa no.
21Ɔde no fraa nʼamammufo mu yɛɛ no asase no nyinaa so panyin,
22a na odi ɔhene no mpanyimfo nyinaa so, na ɔwɔ tumi sɛ ɔkyerɛ nʼafotufo no nea wɔnyɛ.
23Afei,
Yakob kɔɔ Misraim kɔtenaa ɔman no mu.
24 Awurade maa ne nkurɔfo woo mma bebree na ɔyɛɛ wɔn den sen wɔn atamfo.
25Ɔmaa Misraimfo no tanee ne nkurɔfo ani na wosisii nʼasomfo no.
26Afei ɔsomaa ne somfo Mose ne Aaron a wayi wɔn no.
27Wɔyɛɛ Onyankopɔn tumidwuma yɛɛ anwonwade wɔ Misraim.
28Onyankopɔn maa sum durui ɔman no mu, nanso Misraimfo no antie ne mmara no.
29Ɔmaa wɔn nsu nyinaa danee mogya, kum mu mpataa nyinaa.
30Mpɔtorɔ bu faa ɔman no so kosii sɛ ahemfi hɔ nyinaa danee mpɔtorɔ.
31Onyankopɔn hyɛe maa nwansena ne ntontom baa ɔman no mu bɔrebɔre.
32Ɔmaa asukɔtwea ne anyinam danee nsu tɔe wɔ asase no so,
33sɛee wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma bubuu nnua nyinaa gui.
34Ɔhyɛe maa mmoadabi bae wɔn dodow mu
35bɛsɛee asase no so mfumduan nyinaa.
36Okum Misraimfo mmarima a wɔyɛ mmakan nyinaa.
37Afei odii Israelfo no anim de wɔn puei.
Wɔsoaa dwetɛ ne sikakɔkɔɔ a na wɔn nyinaa wɔ apɔwmuden ne ahoɔden.
38Na Misraimfo no suro wɔn nti, wotu fii hɔ no, wɔn ani gyei.
39Onyankopɔn maa omununkum kataa ne nkurɔfo so, na ogya maa wɔn hann de kyerɛɛ wɔn kwan anadwo.
40Wobisae na ɔmaa wɔn mmoko.
Ɔmaa aduan fi soro bae na wodi mee.
41Obuee ɔbotan mu maa nsu fii mu bae ma ɛfaa sare no so nyinaa sɛ asubɔnten.
42Ɔkaee bɔ kronkron bi a ɔhyɛɛ Abraham no.
43Enti odii ne nkurɔfo no anim de wɔn puei, na wɔtoo nnwom teɛteɛɛm ahosɛpɛw so.
44Ɔde nnipa foforo bi nsase maa wɔn ma wɔfaa wɔn mfuw no.
45Sɛnea ɛbɛyɛ a ne nkurɔfo bedi ne mmara ne nʼahyɛde nyinaa so.

Kamfo Awurade.
Copyright information for TwiNAK